Psalms 113


1Monkamfo Awurade.

Monkamfo Awurade, mo a moyɛ nʼasomfo no,
monkamfo Awurade din.

2 Momma wɔnkamfo Awurade din,
mprempren ne daa nyinaa.

3 Efi faako a owia pue kosi faako a ɛkɔtɔ,
ma wɔnkamfo Awurade din.


4 Wɔama Awurade so aman nyinaa so,
nʼanuonyam tra ɔsorosoro.

5 Hena na ɔte sɛ Awurade yɛn Nyankopɔn,
Ɔbaako no a odi hene wɔ ɔsorosoro,

6 ɔno na ɔbɔ ne mu ase
hwɛ ɔsorosoro ne asase?


7 Ɔma ahiafo so fi mfutuma mu
na ɔma onnibi so fi nso siw so;

8 ɔde wɔn tena mmapɔmma mu,
wɔn nkurɔfo mmapɔmma mu.

9 Ɔbɔ obonin atenase wɔ ne fi
sɛ ɔbeatan a nʼani gye.

Monkamfo Awurade.
Copyright information for TwiAKNA